Ayeyie (Praise)

TammySisters

Added on : Mar 7, 2019

Ayeyie (Praise) – TammySisters
Mar 7, 2019 I-solo
In Lyrics

Verse 1:
Mewɔ ayeyie bi a mede bɛma no
Ɛnaase nnwom na me deɛ mɛto ama no oo
Deɛ Awurade ayɛ yi ebi nsii da oo
Yee aso ntee da
Nea Awurade ayɛ yi ani nhuu da oo
Na ano bɛyɛ dɛn na aka

Chorus:
Wɔmfa ma no, ayeyi sɛ n’a, wɔmfa ma no
Deɛ Awurade ayɛ yi aseda sɛ n’a wɔmfa ma no,
Wɔmfa ma no, ayeyi sɛ n’a, wɔmfa ma no
wɔmfa ma no wɔmfa ma no wɔmfa ma no

Verse 2:
Ayeyi nka asafo Awurade
Nnaase nka ne din daa
Firi sɛ matamfo nyinaa asan wɔn akyi
W’atotɔ, w’adwane, w’ayera koraa
Watena atɛnmu ‘dwaso abu atɛntenee
W’adi masem abu me bem
W’ateatea amanaman, w’asei abɔnefoɔ n, hwɛ!
W’apepa wɔn din korakoraa
Ɔde basa a emu yɛ den
Ahwim me afiri abusua bɔne mu a,
Mɛse no sɛn nie,
Awurade fata ayeyi oo

Chorus:
Wɔmfa ma no, ayeyi sɛ n’a, wɔmfa ma no
Deɛ Awurade ayɛ yi aseda sɛ n’a wɔmfa ma no,
Wɔmfa ma no, ayeyi sɛ n’a, wɔmfa ma no
wɔmfa ma no wɔmfa ma no wɔmfa ma no

Hook:
W’ayɛ ne nyinaa ama me oo
W’aka ama me oo
Nea mani nda so mpo na w’ayɛ yi
Ah! W’abubu me ho mpokyerɛ nyinaa
W’ama m’ade me ho a,
Ayeyi nnwom a na mɛto,
Mɛto, mɛto ama no oo

HOW HAS THIS IMPACTED YOUR LIFE?

Thank you for sharing. Show us some love by joining our community.

Send this to a friend